Sɛ wobɛgye atom sɛ w’agyenkwa no kyerɛ sɛn?

Asɛmmisa Sɛ wobɛgye atom sɛ w’agyenkwa no kyerɛ sɛn? Mmuaeɛ Woagye Yesu Kristo atom sɛ w’agyenkwa? Sɛ wobɛte asɛmmisa yi ase yie a, ɛsɛ sɛ deɛ ɛdi kan no wote asɛmfua “Yesu Kristo”, “m’ankasa”ne “agyenkwa” no ase. Hwan ne Yesu Kristo? Nnipa pii bɛgye atom sɛ Yesu Kristo yɛ onipa pa, ͻkyerɛkyerɛfoͻ kɛseɛ, anaa mpo…

Asɛmmisa

Sɛ wobɛgye atom sɛ w’agyenkwa no kyerɛ sɛn?

Mmuaeɛ

Woagye Yesu Kristo atom sɛ w’agyenkwa? Sɛ wobɛte asɛmmisa yi ase yie a, ɛsɛ sɛ deɛ ɛdi kan no wote asɛmfua “Yesu Kristo”, “m’ankasa”ne “agyenkwa” no ase.

Hwan ne Yesu Kristo? Nnipa pii bɛgye atom sɛ Yesu Kristo yɛ onipa pa, ͻkyerɛkyerɛfoͻ kɛseɛ, anaa mpo Nyankopͻn diyifoͻ. Saa nnoͻma yi nyinaa yɛ nokorɛ fa Yesu ho, nanso ɛnkyerɛ onii ko pͻtee a ͻyɛ. Twerɛ kronkron ka kyerɛ yɛn sɛ Yesu yɛ Nyankopͻn wͻ honam mu, Nyankopͻn wͻ nipa tebea mu. (Hwɛ Yohane 1:1,14). Nyankopͻn baa asase so bɛkyerɛkyerɛɛ yɛn, saa yɛn yareɛ, tenetenee yɛn, de firii yɛn — na owu maa yɛn, ͻbͻadeɛ no, Awurade tumfoͻ pumpuni no. Woagye saa Yesu yi atom?

Deɛn ne agyenkwa, na adɛn nti na yɛhia agyenkwa? Twerɛ kronkron no ka kyerɛ yɛn sɛ yɛn nyinaa ayɛ bͻne, yɛn nyinaa afom (Romanfoͻ 3:10-18). Na ɛsiane yɛn bͻne nti yɛfata Nyankopͻn abufuohyew ne n’atɛnmuo. Asotweɛ koro pɛ a ɛsɛ yɛn bͻne a yɛayɛ atia teasefoͻ Nyankopͻn ne asotwe a ɛnni awieeɛ. (Romafoͻ 6:23, Adiyisɛm 20:11-15). Ԑno nti na yɛhia agyenkwa no!

Yesu Kristo baa asase so na ͻbɛwuu maa yɛn. Yesu wuo no na ͻde tua yɛn bͻne no ka afebͻͻ (2 Korintofoͻ 5:21). Yesu de ne wuo no tuaa yɛn bͻne no ho ka. (Romafoͻ 5:8). Yesu tuaa saa ka yi na ankͻ ba sɛ yɛn ankasa bɛtua. Sͻre a Yesu sͻre firii awufoͻ mu no kyerɛ sɛ ne wuo no tumi tuaa yɛn bͻne no ho asotwe no. Yei nti na Yesu nko ara ne agyenkwa no (Yohane 14:6; Asomafoͻ nnwuma 4:12)! Woregye Yesu adi sɛ ͻne w’agyenkwa?

Yesu yɛ “w’agyenkwa”? Nnipa pii bu kristosom sɛ wobɛkͻ asͻre, ayeyɛ amanneɛ bi ne/ anaasɛ worennyɛ bͻne pͻtee bi. Yei nnyɛ kristosom. Nokorɛ kristosom ne sɛ, wone Yesu bɛnya adamfofa bi. Gye wobɛgye Yesu sɛ w’agyenkwa kyerɛ sɛ wode w’ankasa wode wo werɛ bɛhyɛ ne mu na woagye no adie. Obi gyedie ntumi nnye ͻfoforͻ dabiarda. Ɔremfa mfiri obi ɛsiane sɛ ͻyɛ nneyɛeɛ bi nti. Ɔkwan baako pɛ ͻbɛgye obi ne sɛ ͻbɛgye Yesu atom sɛ n’agyenkwa, agye ne wuo no adie sɛ ɛno na ɛtuaa yɛn bͻne no ho ka ne ne wusͻreɛ no sɛ ɛno na ɛbɛma woanya daa nkwa (Yohane 3:16). Yesu yɛ w’agyenkwa ampa ara, ampa ara?

Sɛ wopɛ sɛ wogye Yesu Kristo tom sɛ w’agyenkwa, ka nsɛm a edidi soͻ yi kyerɛ Nyankopͻn. Kae sɛ mpaeɛ yi anaa mpaeɛ foforͻ biara a wobɛbͻ no ntumi nnye wo. Ԑyɛ gye wobɛgye Yesu Kristo ne n’adwuma ͻyɛ wieeɛ wͻ asennua no so maa wo no nko ara na ɛbɛtumi agye wo. Saa mpaeɛ yi yɛ kwan a wonam so de rekyerɛ Nyankopͻn mu gyedie na na woada no ase sɛ waboa wo ama woanya adwenesakra. “Nyankopͻn, menim sɛ mayɛ bͻne atia wo, na mefata asotwe. Nanso Yesu Kristo afa asotwe no a anka me fata no sɛnea ɛbɛyɛ a menam ne mu gyedie so bɛnya fafiri. M’agye wo fafiri no atom na magye wo adi sɛ sakra m’adwene. Magye Yesu atom sɛ m’agyenkwa! Meda wo ase wͻ wo dom ne fafiri nwanwasoͻ – daa nkwa akyɛdeɛ no! Amen!”

Woasi gyinae sɛ wone Kristo bɛnante ɛsiane nea woakenkan wͻ ha yi? Sɛ saa a,y ɛsrɛ sɛ mia “Magye Kristo atom nnɛ wͻ” button a edi soͻ yi so.

[English]



[San kͻ Akan home page]

Sɛ wobɛgye atom sɛ w’agyenkwa no kyerɛ sɛn?

Similar Posts

Leave a Reply

Your email address will not be published. Required fields are marked *

This site uses Akismet to reduce spam. Learn how your comment data is processed.